Chelsea In Twi
@ChelseaInTwi
Chelseafc ho nsɛmsɛm na yɛde rebrɛ mo wɔ yɛn kuro kasa Twi mu... nsɛm aa ɛfa bɔɔlobɔfoɔ no ne atreneefoɔ no nyinaa na yɛde bɛ brɛ mo..
Obiaa ma papa sako Enzo Maresca akwaaba… Dwumadie no nna fam nso ɔse barima na ɛnom aduro a ɛyɛ nnwono nti ɔbɛnom. Yɛma no tiri nkwa ne akwaaba soronko koraa… #WelcomeEnzo #ChelseaFC #ChelseaInTwi #ChelseaBlood

Enzo ne Ras Cucu. Sɛ ɛyɛ jollof oo sɛ ɛyɛ fried rice oo nkorɔfoɔ yi afeeli afa mu. Ɛnkyɛ season no bɛhyɛ aseɛ oo… Monhwɛ mo ho yie

Awerɛfie wɔ nipa ho enfa ho ne hia a saa adeɛ no ehia onipa nti na menam kwan yi so akae wo sɛ ɛnɛ yɛ da a ɛtɔ so du baako(11 days) a Chelsea gyee wiase nyinaa kuruwa(CLUB WORLD CUP) Donald Trump na ɛdehyɛɛ yɛn nsa mu. Meda mo ase bebree… #ChelseaInTwi #worldchampions #KTBFFH


Wei deɛ Essien deɛ no bi pɛpɛɛpɛ oo. 😂 Sei na Mane teɛ?
Congratulations to Sadio Mane who has received a statue in Senegal ❤️
Onyankopɔn nhyehyɛeɛ mu no na ntena no yɛ mmeɛnsa. Sɔfo Maame akyerɛ mu wɔ ha.
Mehu sɛ Chelsea bɛyɛ yie wɔ Premier League afe yi, sɛnea wɔn signings foforo no bɛyɛ adwuma yie a, wɔbɛtumi adi top 4 anaa sɛ ɛbɛyɛ den a, wɔbɛnya title no mpo. Wɔn squad no yɛ den! 💙
Atena a ɛtɔ so mmienu no nie. Palmer no ɔnim bɔɔl no nɔ oo ei
Chelseafoɔ moabrɛ anaa? Mo nfa CWC nfonin no nsan mmra oo… #FIFAClubWorldCup2025 #ChelseaFC #KTBFFH

Noni Madueke awɔso wɔ Arsenal. Yɛ ma no tiri nkwa. Manerɛ aduru sɛ me san firi wakyi wɔ babiara ɛyɛ social media.

Agodie kɔmfoc Caicedo. Afe a yebe si mu yi deɛ nkorɔfoɔ ngyina yie oo. Nnua nkoaaa…